Skip to content
Call 0248506613 Whatsapp 0208930787

BECE Ghanaian Language (Akuapem Twi) 2016 Past Questions

June 2016
Ghanaian Language & Culture – (Akuapem Twi) 2

PAPER 2
ESSAY [1 hour]

PART I
COMPOSITION
[30 marks]

1. Yi nea edidi so yi mu biako pɛ na fa nsɛmfua ɔha aduonum (150) anaa nea ɛboro saa kyerɛw ho asɛm.

a) Adekyerɛ ne kuayɛ, emu nea ɛwɔ he na w’ani gye ho pa ara? Kyerɛ sɛnti a w’ani gye ho.

b) Kyerɛ ade bi a esii wɔ wo sukuu mu a wo werɛ remfi da.

c) Kyerɛw ofi a wote mu ho asɛm.

d) Kyerɛw krataa kɔma w’adamfo a ɔwɔ kurow foforo so na kyerɛ no ɔkwan a ɔbɛfa so afi wo kurom lɔre gyinabea aba wo fi.

 

PART II
COMPREHENSION
[10 marks]

2. Kenkan nea edidi so yin a bua nsɛmmisa no nyinaa.

Kofi papa wui na ɔyɛ abofra a wadi mfe asia. Ɔne ne papa nua mmarima nkumaa baanu na ɛkɔtenae. Na Kwadwo ne ɔpanyin na Kwabena yɛ akumaa.
Na papa kumaa Kwabena yɛ osikani a ɔwɔ sika bebree. Na ɔwɔ yerenom ne mma bebree. Na nnipa binom di ne ho nseku sɛ onnim ne mma dodow. Na ɔwɔ agyapade bi te sɛ adan, lɔre, ntama ne nsaase. Afei na ɔwɔ nnamfo bebree nso. Na n’ani gye pa ara.
Papa panyin Kwadwo yɛ sononko. Ɔno a ɔnyɛ sikani na ɔnyɛ ohiani nso. Na ɔwɔ yere baako ne mma baanu. Na n’ani ku biribiara a ɔyɛ ho.
Ɛyɛɛ Kofi nwonwa sɛ ne papanom baanu yi biara suban nko. Na papa kumaa Kwabena ta aka sɛ “Abrabɔ yɛ anigye. Mmere to wo a, di bi.” Papa Kwadwo nso asɛm ne sɛ “Ɔbra wɔ ne mfiase ne n’awiei. Biribiara wɔ mfiase ne awiei.”
Kofi nyin bɛyɛɛ osikani. Na ɔwɔ adan ne lɔre te sɛ papa Kwabena. Nanso ɔbɔɔ ne bra te sɛ papa Kwadwo. Na ɔwɔ yere baako ne mma baanu. Na onni adamfo biara. Ne papanom baanu yi wuwui. Osiee wɔn yɛɛ wɔn ayi fɛfɛ.
Sɛ Kofi kae ne papanom nkumaa yi abrabɔ a na ɛhyɛ no nkuran. Da bi apoobɔfo bi ma ɔhweree ne nneɛma nyinaa. Afei ɔkae ne papa kumaa asɛm sɛ, “Ampa ɔbra wɔ ne mfiase ne n’awiei.” Ɔde eyi kyekyee ne werɛ.

a) Kofi papa wui na wadi mfe ahe?

b) Hena ne Kofi papa kumaa?

c) Kyerɛ nneɛma abien a na ɛkyerɛ sɛ papa Kwabena yɛ osikani.

d) Papa Kwadwo mma dodow yɛ baahe?

e) Kyerɛ nneɛma abien a ɛma papanom nkumaa baanu yi da nso?

f) Fa asɛmfua anaasɛ ɔkasasin a ɛne nseku asekyerɛ yɛ pɛ sɛnea ɛte wɔ akenkansɛm no mu.

g) Kyerɛ “Apoobɔfo” ase sɛnea ɛte wɔ akenkansɛm no mu.

h) Kyerɛ ade biako a ɛma Kofi ne papa kumaa Kwadwo abrabɔ sɛ.

i) Dɛn na Kofi de kae ne ne papa kumaa Kwadwo bere a ɔhweree ne nneɛma nyinaa no?

j) Fa nsɛmfua a ɛmmoro ason to ayɛsɛm no din.

PART III
LEXIS AND STRUCTURE
[20 marks]

Bua nsɛmmisa a ɛwɔ ɔfa ha yi nyinaa

3. Bua nsɛmmisa a edidi so yi nyinaa.

Kyerɛw adeyɛ asɛm a ɛwɔ ɔkasamu ahorow yi biara mu.

a) Kwasi fii fie ntɛm.
b) Mmofra no kɔɔ sukuu.
c) Mepa wo kyɛw, kasa den
d) Okunafo no suu yayaayaw
e) Papa no bɛtɔ lɔre ɔkyena.

Kyerɛw ɔkasamu ahorow yi biara bio na fa agyiraehyɛde a ɛfata hyɛ baabi a ɛsɛ.

f) Yɛwɔ fie hɔ
g) Wɔwɔ aduan nsuo ne baabi a wɔda
h) Hefo na wɔwɔ dan no mu
i) Midwen sɛ nnɛra yɛ benada.
j) Me nua no tuu me fo sɛ, yɛ komm na tie me.

Kyerɛw asɛmfua a ɛne nea wɔasan ase no bɔ abira wɔ ɔkasamu biara mu.

k) To ɔpon no mu.
l) Abarimaa no too bɔɔlo no.
m) Sukuufo mmofra no sɔree.
n) Afe sɛsɛɛ wo twaa aburow.
o) Ɔdansifo no sisii adan bebree.

Kyerɛw edin a wɔasan ase wɔ ɔkasamu biara mu dodow kabea.

p) Abofra no ada.
q) Akongua no nni dan no mu.
r) Mihuu kontromfi no wɔ dua no so.
s) Anomaa no suu dɛdɛɛdɛ.
t) Ne nsa nifa ahon.

END OF PAPER 2 (ESSAY) TEST


June 2016
Ghanaian Language & Culture – (Akuapem Twi) 1

PAPER 1
45 minutes

Answer all the questions

Yi mmuae A-D yi mu baako a eye na ɛfa Akanfo nkyia, aware ne din ho.

1. Nkyia de dɛn na ɛba obi so?
A. Awerɛhow ne animka
B. Osu ne menaasepɔw
C. Ahosɛpɛw, obu ne nidi
D. Nyansa ne nitan

2. Ɛhefa na yɛte nkyia “hyɛ den?”
A. Ayiase
B. Awaregye ase
C. Nkurobɔ mu
D. Ayeforohyia ase

3. Akanfo taa kyia akokoaa a wɔawo no foforo
A. Ayikoo ne awo
B. Aba-a-tena-ase
C. Kosɛkosɛ
D. Nkyerɛ oo

4. Aware mu no, hefo na wogu ɔbea no hyirew?
A. Adɔfonom
B. Nsewnom
C. Nkontanom
D. Nkumaafo

5. Sɛ ɔbea bi kunu ka baabi na owufo no nuabarima ware no a, ɛyɛ……
A. Ayɛte
B. Kunaware
C. Asiwa
D. Mpenaware

6. Abofra a ne na dii awommawu ansa na wɔrewo no no yɛ…..
A. Ankonam
B. Kɔsanba
C. Ɔdefo
D. Oduefo

7. Din ahorow yi mu nea ɛwɔ he na ɛyɛ apɛntɛdin?
A. Kaakyire
B. Asaseasa
C. Ahenkan
D. Piesie

8. Duku yɛ abofra a ɔtɔ so ……. wɔ awo ntoatoaso mu.
A. dunan
B. dunum
C. dubiako
D. du

Yi mmuae A-D no mu biako a eye pa ara na ɛfa Akanfo kasadwini ho.

9. Akanfo Kasadwini gu ahorow ahe?
A. Anum
B. Anan
C. Abiɛsa
D. Abien

10. Nea edidi so yi mu biako yɛ Anom Kasadwini.
A. Anwensɛm
B. Abasɛm
C. Ahwɛgoru
D. Anansesɛm

11. Nea ɛwɔ he na ɛyɛ Akyerɛw Kasadwini?
A. Amoma
B. Nsaguo
C. Anwensɛm
D. Apae

12. Anom Kasadwini su biako ne sɛ ….
A. ɛyɛ ɔman no nyinaa dea
B. ɛwɔ ɔkyerɛwfo pɔtee
C. enni nhyehyɛe pɔtee
D. enni ɔyɛfo ne atiefo

Yi mmuae A-D no mu biako a eye pa ara na ɛfa Akanfo mmusuakuw ne ntɔn ho.

13. Akanfo gyidi ne sɛ ntɔn sunsum no fi …….
A. Ɛna
B. Wɔfa
C. Agya
D. Abusuapanyin

14. Abusuakuw bɛn na wɔn akraboa no ara yɛ wɔn din?
A. Aduana
B. Ɛkoɔna
C. Agona
D. Asakyiri

15. Abusuakuw bɛn na wɔwɔ akraboa abien?
A. Asona
B. Ɛkoɔna
C. Agona
D. Aduana

16. ……….. yɛ Agona abusuakuw no akraboa.
A. Kwaakwaadabi
B. Akoroma
C. Akoo
D. Ɛkoɔ

17. Akanman mu, hena ne abusua no nyinaa ti?
A. Abusuapanyin
B. Ayipasohene
C. Nkwaankwaahene
D. Adadifo

Yi mmuae A-D yi mu biako a eye pa ara na ɛfa Akanfo ahenni ne ahemfi nhyehyɛe ho.

18. Ade titiriw bɛn na Akamfo hwɛ ansa na wɔapaw ɔhene?
A. Onipa tenten bran
B. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ ɔdehye kronn
C. Ohiani a ɔwɔ mma bebree
D. Obi a otumi di akakabensɛm

19. Sɛ ɔhene tu kwan a, ɔde ɔman no gyaw hena?
A. Safohene
B. Ɔkyeame
C. Kurontihene
D. Dabehene
20. ………. na ɔhwɛ ɔhene ne ɔmamfo sika so wɔ ahemfi.
A. Gyaasehene
B. Sodoohene
C. Mmerantehene
D. Sannaahene

21. Sɛ ɔmamfo hyia wɔ aguabɔ ase a, hena na ogu nsa?
A. Ɔkyeame
B. Kurontihene
C. Safohene
D. Dabehene

22. Sɛ Akanfo reyi apae a, hena na wodi kan bɔ ne din?
A. Asase Yaa
B. Onyankopɔn
C. Nsamanfo
D. Ateasefo

Yi mmuae A-D yi mu biako a eye pa ara na ɛfa Akanfo tete nnwuma, mmɛ ne kasakoa ho.

23. Nneɛma kuw yi mu nea ɛwɔ he na okuafo de adwuma?
A. Ɔsosɔw, twitae, asadua
B. Asɔw, asaa, peaw
C. Nkrante, ɔsosɔw, asɔw
D. Asadua, asɔw, kɔtɔkorɔ

24. Wokɔ ɔtomfo adwuma mu a, wubenya ….. atɔ.
A. kɛntɛ ne nkrante
B. peaw ne adwiniasa
C. twitae ne bommo
D. ɔsosɔw ne asɔw

25. Dwom “Kurohinko” fa adwuma bɛn ho?
A. Nkɔbɔ
B. Kentenwene
C. Atono
D. Ahayɔ

26. Hena na ɔnto dwom wɔ n’adwumayɛ mu?
A. Ɔbɔmmɔfo
B. Okuafo
C. Kentenwenefo
D. Ɔtomfo

27. Toa ɛbɛ yi so: “Otuo tow a …..”
A. esi ɔbarima bo
B. ɛkanyan ɔhene ma osuae
C. nkurɔfo bɔ hu
D. mmea konhintaw

28. Mpanyin se: “Ɛkaa akyekyere ne nnwaw nko a anka ……”
A. mmea bɛkɔ afum daa
B. mmofra bɛkɔ atwee da biara
C. ɔbɔmmɔfo bɛda kɔm
D. otuo rentow wuram da

29. Yaw Mɛnsa buu n’adamfo no bɛ sɛ: “ Ɔbaakofo nsa…..”
A. ntumi nguare ne ho
B. tumi dɔw n’afum
C. nso n’abusuafo nyinaa so
D. nso nyame ani kata

30. Kasakoa yi ase ne dɛn? Adwuma no dɔɔso enti ma wo nsa so.
A. Yɛ no ntɛmntɛm
B. Pagyaw wo nsa kɔ soro
C. Bɔ wo nsam ɔhare so
D. Ka wo nsa abien bɔ mu

31. Mprempren de, nna amee me nenabarima.
A. Ayɛ aberantewa koraa
B. Ayɛ basaa
C. Anyin papaapa
D. Ntumi nkasa

Yi mmuae A-D no mu biako a eye pa ara na ɛfa Akanfo tete nnwuma, nsɛnkyerɛnne a ɛkasa ne Agyarekɔ ho.

32. Ɔhene bɛn na otumi de ɛsono si ne bamkyinii so?
A. Abɔntendɔmhene
B. Kurontihene
C. Guantoahene
D. Ɔmanhene

33. Ɔhene a ……..si n’akyeampomaa so no yɛ ɔsonani.
A. ɔkraman
B. kwaakwaadabi
C. akoroma
D. akoo

34. Kurow a Akyekyere ne nwaw da wɔn hene asɛsɛgua ho kyerɛ sɛ …….
A. wɔnka mmara
B. hwee nyɛ wɔn asɛm
C. wɔpɛ asomdwoe
D. mmoa abien no yɛ nam a wɔpɛ yiye.

35. Agyarekɔ, ogyaa me asraafo ɔha a wɔn nyinaa abɔso yɛ biako. Ɛyɛ dɛn?
A. Ɔprae
B. Muka
C. Asesawura
D. Asomurofi

36. Agyarekɔ, ogyaa me anuanom baanu nanso obiara nhu ne yɔnko anim. Ɛyɛ onipa
A. Nansoaa du
B. Nsa abien
C. Nan abien
D. Nniwa abien

Yi mmuae A-D no mu biako a eye pa ara na ɛfa Akanfo agoru ne nnwuma nnwom ho.

37. “Ɔrebɔ ne dade so kyankyan” yɛ dwom a ɛfa hena ho?
A. Ɔtomfo
B. Ɔbɔmmɔfo
C. ɔdansifo
D. okuafo

38. “…………” yɛ dwom a ɛfa adɔw ho.
A. Ayikoo, anyaado
B. Kɔtɔkɔ sarewa, gyansarewa
C. Kurohinko, kurohinko na ɛyɛ me dɛ
D. Adonko, fa me kɔ oo

39. Dwom bɛn na mmofra de di abosi agoru?
A. Mpempenaa, nana aa…..
B. Obi ba o, yee yei!
C. Sansan koroma, wo ni awuo oo
D. Asɔba, yee yei, asɔba

40. Mpempenaa agodi mu no, mmofra to dwom
A. kɔtɔkɔ sarewa, gyansarewa
B. asɔba, bɛtɔ mu
C. oni wu o.
D. sii, sii, sii, sii dadako o.

END OF PAPER 1 (OBJECTIVE)

 

This Post Has 0 Comments

Leave a Reply

Your email address will not be published. Required fields are marked *

Cart
Back To Top
Shopping cart0
There are no products in the cart!
Continue shopping
0