Skip to content
Call 0248506613 Whatsapp 0208930787

BECE Ghanaian Language (Asante Twi) 2016 Past Questions

June 2016
Ghanaian Language & Culture – Twi (Asante) 2

PAPER 2
1 hour

PART I
COMPOSITION
[30 marks]

1. (a) Adekyerɛ ne Kuayɛ, emu nea ɛwɔ he na w’ani gye ho pa ara? Kyerɛ sɛnti a w’ani gye ho.

(b) Kyerɛ adeɛ bi a esii wɔ wo sukuu mu a wo werɛ remfi da.

(c) Twerɛ efie a wote mu ho asɛm.

(d) Twerɛ krataa kɔma w’adamfo a ɔwɔ kuro foforo so na kyerɛ no ɔkwan a ɔbɛfa so afiri wo kurom lɔre gyinabea aba wo fie.

PART II
COMPREHENSION
[10 marks]

2. Kenkan deɛ ɛdi so yin a bua nsɛmmisa no nyinaa.

Kofi papa wuiɛ na ɔyɛ abofra a wanya mfeɛ nsia. Ɔne ne papa nua mmarima nkumaa mmienu na ɛkɔtenae. Na Kwadwo ne panin na Kwabena yɛ akumaa. Na ne papa kumaa Kwabena yɛ osikani a ɔwɔ sika bebree. Na ɔwɔ yerenom ne mma bebree. Na nnipa binom di ne ho nsekuro sɛ ɔnnim ne mma dodoɔ. Na ɔwɔ agyapadeɛ bi nso te sɛ adan, lɔre, ntama ne nsaase. Afei na ɔwɔ nnamfonom bebree nso. Na n’ani gye pa ara.
Papa panin Kwadwo yɛ sononko. Ɔno a ɔnyɛ sikani na ɔnyɛ ohiani nso. Na ɔwɔ yere baako ne mma baanu. Na n’ani ku biribiara a ɔyɛ ho.
Ɛyɛɛ Kofi nwanwa sɛ ne papanom baanu yi biara suban nko. Na papa kumaa Kwabena taa ka sɛ “Abrabɔ yɛ anigye. Mmerɛ to wo a di bi.” Papa Kwadwo nso asɛm ne sɛ “Ɔbra wɔ n’ahyɛase ne n’awieeɛ. Biribiara wɔ ahyɛaseɛ ne awieeɛ.”
Kofi nyini bɛyɛɛ osikani. Na ɔwɔ adan ne lɔre te sɛ papa Kwabena. Nanso ɔbɔɔ ne bra te sɛ papa Kwadwo. Na ɔwɔ yere baako ne mma baanu. Na ɔnni adamfo biara. Papanom baanu yi wuwuiɛ. Ɔsiee wɔn yɛɛ wɔn ayie kama.
Sɛ Kofi kae ne papanom nkumaa yi abrabɔ a na ɛhyɛ no nkuran. Da bi apoobɔfoɔ bi ma ɔhweree ne nneɛma nyinaa. Afei ɔkae ne papa kumaa asɛm sɛ, “Ampa ɔbra wɔ n’ahyɛaseɛ ne n’awieeɛ.” Ɔde yei kyekyeree ne werɛ.

 

a) Kofi papa wuiɛ na wadi mfeɛ sɛn?

b) Hwan ne Kofi papa kumaa?

c) Kyerɛ nneɛma mmienu a na ɛkyerɛ sɛ papa Kwabena yɛ osikani.

d) Papa Kwadwo mma dodoɔ yɛ sɛn?

e) Kyerɛ nnoɔma mmienu a ɛma papanom nkumaa mmienu yi da nso?

f) Ma asɛmfua anaasɛ ɔkasasin a ɛne nsekuro asekyerɛ yɛ pɛ sɛdeɛ ɛte wɔ akenkansɛm no mu.

g) Kyerɛ “Apoobɔfoɔ” ase sɛdeɛ ɛte wɔ akenkansɛm no mu.

h) Kyerɛ adeɛ baako a ɛma Kofi ne ne papa kumaa Kwadwo abrabɔ sɛ.

i) Ɛdeɛn na Kofi de kaee ne ne papa kumaa Kwadwo berɛ a ɔhweree ne nneɛma nyinaa no?

j) Fa nsɛmfua a ɛmmoro nson to abasɛm yi din.

PART III
LEXIS AND STRUCTURE
[20 marks]

Bua nsɛmmisa a ɛwɔ ɔfa ha yi nyinaa

3. Twerɛ adeyɛ asɛm a ɛwɔ ɔkasamu ahodoɔ yi biara mu.

a) Kwasi fiiri fie ntɛm.

b) Mmɔfra no kɔɔ sukuu.

c) Mepa wo kyɛw, kasa den.

d) Okunafoɔ no suu yayaaya.

e) Papa no bɛtɔ lɔre ɔkyena.

Twerɛ ɔkasamu ahodoɔ yi biara bio na fa agyinaehyɛdeɛ a ɛfata hyɛ baabi a ɛsɛ.

f) Yɛwɔ fie hɔ

g) Wɔwɔ aduan nsuo ne baabi a wɔda

h) Hefoɔ na wɔwɔ dan no mu

i) Medwene sɛ nnora yɛ ɛbenada

j) Me nua no tuu me fo sɛ, Yɛ komm na tie me.

Twerɛ asɛmfua a ɛne nea wɔasensan aseɛ no bɔ abira.

k) To pon no mu.

l) Abarimaa no too bɔɔlo no

m) Sukuu mmofra no sɔree.

n) Afe sɛsɛɛ wɔ twaa aburoo.
o) Ɔdansifoɔ no sisii adan bebree.

Twerɛ edin a wɔasensan aseɛ wɔ ɔkasamu biara mu dodoɔ kabea.

p) Abofra no ada.

q) Akonnwa no nni dan no mu.

r) Mehunuu adoe no wɔ dua no so.

s) Anomaa no suu dɛdɛɛdɛ.

t) Ne nsa nifa ahono.

END OF PAPER 2 (ESSAY) TEST


June 2016
Ghanaian Language & Culture – Twi (Asante) 1

PAPER 1
45 minutes

1. Sɛ ɔkwantuni bi firi akwantuo mu ba a, abusuafoɔ
A. ma no adwuma
B. ma no due
C. bisa no kwanso
D. ma no nante yie

2. Sɛ ɔkwantuni bɔ n’amanneɛ wie a, abusuafoɔ ma no
A. akwaaba
B. adwuma
C. due ne awɔ
D. woaba a, tena ase

3. Ansa na wɔbɛma abɔfra bi abusuadin no, na ɔwɔ
A. abodin
B. kradin
C. ahendin
D. apɛtɛdin

4. Sɛ yɛfrɛ obi Nyankomago a, na ɔyɛ
A. bagyina
B. ɔdehyeɛ
C. ntaafoɔ akyi ba
D. Tawia akyi ba.

5. Niwaa mma yɛ nnipa a
A. wɔn maame awu
B. wɔfiri yafunu baako mu
C. wɔn maame yɛ ketewa
D. wɔn nana yɛ baako

6. Sɛ mmarima baanu ware wɔ efie baako mu a, wɔyɛ
A. kununom
B. akorafoɔ
C. nkummaafoɔ
D. nsenom

7. Sɛ ɔbaa de abɔfra bi kɔware ɔbarima a, abɔfra no yɛ ɔbarima no
A. banana
B. abanoma
C. bagyina
D. tammoba

Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ na ɛfa Akanfoɔ gyidie, owuo ne adedie ho.

8. Yɛgye di sɛ obi didi na wannwe nam a,
A. n’ani bɛfira
B. n’ano bɛkyim
C. n’aso bɛsi
D. ne hwene bɛbɔ

9. Nnipa bɛn na Akanfoɔ bɔ abamo ma wɔn?
A. Fofie
B. Tawia
C. Nyankomago
D. Ntaafoɔ

10. Wokɔ wo dɔfo ayie ase a, wobɔ
A. hyire
B. ka
C. tikwa
D. nsawa

11. Ɔbaa bi kunu wu a,
A. ɔyɛ ayɛ
B. ɔbɔ hyire
C. ɔyɛ kuna
D. ɔdware nsuo mu

12. Sɛ ɔbaa bi kunu wu a, berɛ bɛn na ɔtumi ware bio?
A. Afe baako
B. Abosome nsia
C. Adaduanan
D. Mfeɛ mmienu

13. Nhyehyɛeɛ a obi yɛ fa n’agyapadeɛ kyɛ ho ansa na wawu yɛ
A. nsamanfrɛ
B. nsamankɔ
C. nsamanseɛ
D. nsamantoa

14. Sɛ ɔbarima bi yɛ agyapadeɛ bi wɔ abusua asase so a, ɛyɛ nokorɛ sɛ
A. abusua nni so tumi
B. ɔntumi mfa nkyɛ ne yere ne ne mma
C. ɔtumi de kyɛ ne mma
D. ɔtumi de kyɛ ne yere

Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ na ɛfa Akanfoɔ awareɛ, bragorɔ, anansesɛm ne atetesɛm ho.

15. Sɛ yɛka sɛ ɔbaa warefoɔ bi bɔ mpoa a, na ɛkyerɛ sɛ
A. ɔwo ntɛmntɛm
B. ɔpɛ kyini
C. ɔpɛ ayɔnkogorɔ
D. ɔtwe mpena

16. Sɛ ɔbarima bi di badudwan a, na ɛkyerɛ sɛ
A. ɔwɔ nnwan du
B. wadi odwan nkwan
C. wawo mma du
D. waware mmaa du

17. Yi deɛ ɛnyɛ nokorɛ wɔ bragorɔ ho
A. ɛgu ɔbaa no anima se
B. ɛma ɔbaa no nya dwatire
C. ɛma ɔbaa no nya kunu pa
D. ɛhyɛ ɔbaa no animuonyam

18. Yɛde …………ka ɔbaa a yɛregoro no bra ano.
A. ɛnam
B. kosua
C. nsa
D. nsuo

19. Anansesɛm mu ɔsebɔ taa di dwuma sɛ
A. mmirikatufoɔ
B. mmɔborɔhunufoɔ
C. owudifoɔ
D. onyansafoɔ

20. Asantefoɔ atetesɛm kyerɛ sɛ wɔpue firii fam wɔ
A. Ɔyoko
B. Kumase
C. Mampɔn
D. Asantemanso

Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ na ɛfa Akanfoɔ ahennie, afahyɛ, asɛnnie, nsaguo ne nnapɔnna ho.

21. Amanneɛ bɛn na wɔyɛ de kyerɛ sɛ wɔatu ɔhene bi?
A. Yɛworɔ ne nan mu mpaboa
B. Yɛgye n’afena
C. Yɛgye n’akyeampoma
D. Yɛgye n’apakan

22. Sɛ ɔhempɔn bi ka baabi a, Akanfoɔ tumi ka sɛ
A. otumfoɔ atia mpaboa mu
B. odupɔn atutu
C. ɔberempɔn asoa ne bankyiniiɛ
D. ɔhene kɔ nsrahwɛ

23. Sɛ Takyimanfoɔ redi apoɔ a,
A. ɔhene bɔ tikwa
B. ɔhene mpue abɔnten
C. wɔtumi ka ɔhene anim
D. ɔhene didi abɔnten

24. Yeinom baako nka mfasoɔ a yɛnya no afahyɛ ho.
A. Ɛde anigyeɛ ba
B. Ɛde nkabom ba
C. Ɛde mpontuo ba
D. Ɛde ntɔkwa ba

25. Akanfoɔ frɛ wɔn nnapɔnna sɛ
A. dapapa
B. dabɔne
C. afoofida
D. dakronkron

26. Memeneda Dapaa din foforɔ ne
A. Nkyɛmemene
B. Fɔmemene
C. Kurumemene
D. Monomemene

27. Amammerɛ kwan so no …… na wɔdi asɛm.
A. abadwafoɔ
B. adansefoɔ
C. atɛmmuafoɔ
D. lɔyafoɔ

28. Adɛn nti na Ɔkanni regu nsa a, ɔworɔ ne nan mu mpaboa?
A. ɛkyerɛ abufuo
B. ɛkyerɛ anibere
C. ɛkyerɛ ɔko
D. ɛkyerɛ obuo

29. Sɛ Akanfoɔ reyi apaeɛ a,
A. wɔbu nkotodwe
B. wɔkata wɔn ani
C. wɔpagya wɔn nsa
D. wɔworɔ wɔn ntoma gu wɔn mmatiri so

Yi mmuaeɛ A-D yi mu baako a ɛyɛ na ɛfa Akanfoɔ nsɛnkyerɛnneɛ a ɛkasa, mmɛ ne agya rekɔ ho.

30. Akyeampoma a ɔkwakuo a ɔsɛn dubaa so si kyerɛ sɛ
A. Wopɛ sɛ dua mmu mmɔ ɔkwakuo a, ɛnoa no si
B. ɔkwakuo ani agye
C. ɔkwakuo si dua so
D. dubaa no akyere ɔkwakuo nu

31. Akanman mu sɛ obi fira kuntunkuni anaasɛ kɔbene a, na ɛkyerɛ sɛ
A. n’ani abere
B. ne bo afu
C. ne biribi awu
D. ne werɛ aho

32. Biretuo akraboa ne ɔsebɔ a ɔgyina hɔ ma
A. ahoɔherɛ
B. ahoteɛ
C. asomdwoeɛ
D. ahoɔden

33. Akyekyedeɛ ne nwa nsɛnkyerɛnne kyerɛ deɛn?
A. aniteɛ
B. asondwoeɛ
C. ehu
D. mmɔborɔhunu

34. Niwaa mma nsae a, …….nni adeɛ.
A. babarima
B. nuabarima
C. wɔfase
D. nuabaa

35. Obi a ɔmpɛ adwuma no…..na ɛbɛkum no.
A. ohia
B. aborɔ
C. aniteɛ
D. soma

36. Obi nkwati ……..mmɔ pɔ.
A. akyerɛkyerɛkwan
B. nsateahene
C. kɔkorɔmmɔtoɔ
D. kokurobetie

37. Obi mfa …..ne kasa.
A. adidie
B. nkɔmmɔdie
C. nsanom
D. ntɔkwa

38. Ahwenne pa ………
A. kasa
B. nkasa
C. nyɛ fɛ
D. yɛ fɛ

39. Agya adeɛ bi wɔ hɔ gye sɛ wobɔ n’apampam ansa na watena ase. Ɛyɛ
A. bɔɔlo
B. dua
C. dadewa
D. praeɛ

40. Agya nam bi wɔ hɔ gye sɛ wowe ansa na woahunu sɛ mogya wɔ mu. Ɛyɛ
A. ahwedeɛ
B. borɔferɛ
C. nkateɛ
D. bese.

END OF PAPER 1 (OBJECTIVES)

Click a button below ↓ to share with your friends

This Post Has 0 Comments

Leave a Reply

Your email address will not be published. Required fields are marked *

Cart
Back To Top
Shopping cart0
There are no products in the cart!
Continue shopping
0