Skip to content
Call 0248506613 Whatsapp 0208930787

Asante Twi 2015 Past Questions (Objectives)

June 2015
Ghanaian Language & Culture – Twi (Asante) 1
PAPER 1
45 minutes

1. Awia berɛ mu Twifoɔ kyea ……….
A. maakye
B. maadwo
C. maawia
D. maaha

2. Wɔkyea Aduanafoɔ a wɔgye so
A. yaa Asɔ na
B. yaa Ɛsɔn
C. yaa Adu-na
D. yaa Awu-si

3. Wo wɔfa maame yɛ wo deɛn?
A. Nana
B. Maame
C. Sewaa
D. Nua

4. Sɛ Okanni ka sɛ ɔne obi yɛ mogya baako a, na ɛkyerɛ sɛ…….baako.
A. wɔyɛ abosomma
B. wɔyɛ abusua
C. wɔte fie
D. wɔbɔ ntɔn

5. Abofra a wo papa de no bɛwaree wo maame yɛ no …….
A. kora
B. akumaa
C. abanoma
D. ba

6. Abusua biara wɔ …… a ɔda ano.
A. ɔkyeame
B. abusua pinyin
C. nhenkwaa
D. ɔhene

7. Nhunuanim nsa din foforɔ ne ……
A. kɔkɔɔkɔbɔ
B. tiri nsa
C. tiri ade
D. danta

8. Saa nneɛma yi mu baako na wɔde ka ɔbrani ano.
A. Kosua
B. Nsa
C. Ɛmo
D. Fufuo

9. ………….. yɛ amaneɛ a wɔyɛ de pagya abaayewa kɔ ne mpanin mfeɛ mu.
A. Ayeforohyia
B. Awaregyeeɛ
C. Kyiribra
D. Bragorɔ

10. Awaregyeeɛ mu, ɔbaa no maame gye tamboba a, papa nso gye ……..
A. sekan
B. tuo
C. danta
D. ntoma

11. Aware ho mfasoɔ baako ne ……
A. ɛka ne awerɛhoɔ
B. aperepereɛ
C. koratwe
D. animuonyamhyɛ

12. Ntaafoɔ akyiri ba a ɔtɔ so mmienu yɛ ……..
A. Obiwom
B. Tawia
C. Nyankomago
D. Atuakɔsɛn

13. Akanfoɔ nam …..so gye akokoaa bi to abusua bi mu.
A. dintoɔ
B. asubɔ
C. awaregyeɛ
D. kradin

14. Sɛ wɔwo obi Memeneda na ɔyɛ ɔbarima a, ne mmrane ne……..
A. Atoapoma
B. Kontonkyi
C. Toturobonsu
D. Bodua

15. Bragorɔ mu no baabi a ɔbrani kɔtena yɛ ….
A. ɔhemaa fie
B. brafie
C. abusuafie
D. ɔmaame fie

16. Akanfoɔ di adeɛ kɔ …….fam.
A. damfo
B. sewaa
C. papa
D. maame

17. Nnipakuo a wɔnoa ɔhene aduane wɔ ahemfie ne …..
A. Akyerɛmadefoɔ
B. Soodofoɔ
C. Ɛsɛnfoɔ
D. Adumfoɔ

18. Ahemfie nnipa no nyinaa Sahene ne hwan?
A. Gyaasehene
B. Ɔkyeame
C. Kurontihene
D. Abrafoɔ

19. Sɛ wɔpaw ɔhene foforo a …….kyerɛ ɔmanfoɔ.
A. ɔnante
B. ɔsuae
C. ɔdidi
D. ɔkasa

20. Ahemfo yi mu hwan na ɔkorɔn sene wɔn a aka no.
A. Kurontihene
B. Sanaahene
C. Gyaasehene
D. Ɔmanhene

21. Ahemfo baasa a wɔdii Fantefoɔ anim bepuee mpoano ne ……….
A. Ntim Gyakari, Aseibu Amenfi, Opoku Ware
B. Ɔsono, Ntim Gyakari, Ɔsɛe Bonsu
C. Oburumankoma, Ɔdapagyan, Ɔsono.
D. Ɔsɛe Tutu, Tweneboa Kodua, Ansa Sasraku

22. Akan man mu sɛ obi ka ntam a …..
A. wɔhwe no
B. wɔde no kɔ kɔɔto
C. wɔkyere no dedua
D. wɔbɔ n’aba so

23. Nsɛm a yɛde wie nsaguo taa yɛ deɛ yɛde ……
A. hyira
B. boa
C. frɛ
D. dome

24. Nnoɔma a yɛde yi apaeɛ no bi ne …………….
A. nsa a ɛboro
B. fanta
C. ntunkum
D. nsa dɔkɔdɔkɔ

25. …………….yɛ berɛ a obi anto ne kɔn anwu.
A. Yarewuo
B. Atɔfowuo
C. Owupa
D. Mpam wuo

26. Asiedeɛ a Akanfoɔ de ma owufoɔ kyerɛ wɔn ………wɔ owuo akyi.
A. Ayamye
B. Gyedie
C. Nteaseɛ
D. Ahɔhoyɛ

27. Suban a Ananse taa da no adi yɛ ……
A. ahobrɛaseɛ
B. awiɛmfoɔ
C. aniteɛ
D. aboafoɔ

28. Ɛnam hwan so na Onyankopɔn kɔɔ soro?
A. Ɔbarima bi
B. Papa bi
C. Maame bi
D. Aberewa bi

29. Kɔkɔɔ a ɛwɔ Ghana frankaa mu no kyerɛ …..
A. mogya a nananom hwie guiɛ
B. ɔman no kwaeɛ
C. ɔman no nkɔsoɔ
D. ɔman no sika kɔkɔɔ

30. Tikorɔ mmienu a ɛbɔ mu kyerɛ sɛ ……
A. tire no asɛe
B. tire mmienu ahyia
C. asɛm bɔne asi
D. tikorɔ nkɔ agyina

31. Onipa anim kam ma yɛhunu ne …….
A. ntɔn a ɔbɔ
B. baabi a ɔfiri
C. mmɔdemmɔ
D. suban

32. Ɔbɛtwani de …… fite ne mmɛ.
A. egya
B. mpapa
C. tɛnee
D. berɛ

33. Afahyɛ bɛn na wɔdi no wɔ Simpa?
A. Aboakyer
B. Akwambɔ
C. Fetu
D. Kundum

34. Asante afahyɛ kɛseɛ ne deɛ ɛwɔ he?
A. Nkyidwoɔ
B. Adɛɛ kɛseɛ
C. Awukudeɛ
D. Nkyifie

35. Agya adeɛ bi wɔ hɔ wosoma no a ɔnkɔ nso worekɔ a na ɔdi wakyi. Ɛyɛ ………
A. Owia
B. Sunsum
C. ɔkra
D. ɔsaman

36. Wɔtaa de saa asɛm yi hyɛ abisaa ase.
A. Akonta
B. Wɔfa
C. Agya
D. Nana

37. Ɔbaatan na ………deɛ ne ba bɛdie.
A. wɔnim
B. ɔnim
C. ɔnnim
D. wɔnnim

38. Obi kɔdi asɛm na ɔdi nkonim a ɔfura ntama.
A. tuntum
B. kɔkɔɔ
C. kente
D. fitaa

39. Akokɔ a ɔbutu ne mma so nsɛnkyerɛnneɛ kyerɛ
A. ehu
B. nokorɛdie
C. patapaa
D. bammɔ

40. Ako gyina hɔ ma abusua
A. Agona
B. Ɔyokoɔ
C. Aduana
D. Ɛkoɔna

 

END OF PAPER 1

This Post Has 0 Comments

Leave a Reply

Your email address will not be published. Required fields are marked *

Cart
Back To Top
Shopping cart0
There are no products in the cart!
Continue shopping
0