Skip to content
Call 0248506613 Whatsapp 0208930787

Asante Twi 2015 Past Questions (Essay)

June 2015
Ghanaian Language & Culture – Twi (Asante) 2
PAPER 2
1 hour

PART I
COMPOSITION
[30 marks]

1. Yi nea edidi soɔ yi mu baako na fa nsɛmfua ɔha aduonum (150) anaa nea ɛboro saa twerɛ ho asɛm.
a) So ehia sɛ awofoɔ bɛkyerɛ wɔn mma nea ɛsɛ sɛ wɔhwɛ wɔ T.V. so?
Kyerɛ w’adwene.
b) Twerɛ daeɛ bi a wosoeɛ a wosɔreeɛ no na w’ani agye.
c) Kyerɛ nnoↄma nnan a ɛde lɔre akwanhyia ba, na kyerɛ akwan ahodoɔ nnan a wɔde bɛsi saa akwanhyia no ano.
d) Adwuma bɛn na wopɛ sɛ woyɛ no daakye? Kyerɛ nea enti a wopɛ sɛ woyɛ saa adwuma no.

PART II
COMPREHENSION
[10 marks]

2. Kenkan deɛ ɛdidi so yi na bua nsɛmmisa no nyinaa.
Na nsɛnkwaayifoɔ bi redi dwuma wɔ ne fie. Ɔkɔɔ osikani bi nkyɛn kɔsrɛɛ ntɔmmrɛ aduanan nwɔtwe a wɔde nom nsa. Dwumadie no awieeɛ no, nsɛnkwaayifoɔ kɔtɔɔ ntɔmmrɛ a ɔkɔgyeeɛ no sɛso. Ɔde nea ɔkɔtɔeɛ ne nea ɔkɔgyeeɛ no nyinaa kɔmaa osikani no.
Osikani no ho dwirii no. Ɔbisaa nsɛnkwaayifoɔ yi sɛ ɛdeɛn na ɔrepɛ akyerɛ. Ɔbuaa sɛ, “Ɛnyɛ biribiara. Tɔmmrɛ biara a wode maa me no, awo ne ba baako aka ho a ɛsɛ sɛ mede brɛ wo”. Osikani no gyee ntɔmmerɛ no nyinaa a wanka hwee.
Da foforɔ bi no, nsɛnkwaayifoɔ no san dii dwuma foforɔ bio. Ɔkɔɔ osikani no hɔ kɔsrɛɛ ntɔmmrɛ no bebree. Ɔyɔnko dufudepɛfoɔ de ntɔmmrɛ a ɔwɔ wɔ ne fie nyinaa maa nsɛnkwaayifoɔ no. Na ɔsusu sɛ akyire yi ɔbenya ntɔmmrɛ no mmɔho asene kane deɛ no.
Berɛ a dwumadie yi kɔɔ awieeɛ no, nsɛnkwaayifoɔ yi de osu denden kɔɔ osikani no nkyɛn. Ɔde ne nsa hwee ne koko so. Osikani bisaa sɛ ɛdeɛn asɛm? Nsɛnkwaayifoɔ no kaa sɛ wo ntɔmmerɛ no nyinaa awuwu. Osikani no kaa sɛ wo ho yɛ sere pa ara. Meregye me ntɔmmrɛ no nyinaa. Nsɛnkwayifoɔ no gyinaa nea ɔgyina.
Osikani no kɔɔ atemmuafoɔ bi hɔ sɛ ɔnni n’asɛm mma no. Ɔtemmuafoɔ no bisaa nsɛnkwaayifoɔ no asɛm no ase. Ne mmuaeɛ no maa ɔtemmuafoɔ no seree. Afei ɔtwee osikani no aso wɔ n’asisie no ho. Ɔbuu nsɛnkwaayifoɔ no bem. Ɔkaa sɛ, “sɛ ntɔmmrɛ wo deɛ a, na wɔtumi wuwu. Ɛnyɛ nokorɛ?”

a) Ɛdeɛn na nsɛnkwaayifoɔ de ntɔmmrɛ a ɔkɔsrɛɛeɛ no yɛɛeɛ?
b) Ntɔmmrɛ dodoɔ sɛn na osikani no de maa nsɛnkwaayifoɔ no da a ɛdi kan no?
c) Ntɔmmrɛ dodoɔ sɛn na nsɛnkwaayifoɔ no de kɔmaa osikani no?
d) Adɛn nti na osikani no de ntɔmmrɛ a ɛwɔ ne fie no nyinaa maa nsɛnkwaayifoɔ no ne mprenu so?
e) Adɛn nti na na nsɛnkwaayifoɔ no resu berɛ a na ɔrekɔ osikani no fie?
f) Kyerɛ saa asɛm yi ase sɛdeɛ ɛteɛ wɔ akenkansɛm no mu. Ɔyɔnko dufudepɛfoɔ.
g) Gyina nea ɔgyina. Aseɛ ne sɛn wɔ akenkansɛm no mu?
h) Asotwe bɛn na ɔtemmufoɔ no de maa osikani no?
i) Adesua bɛn na ɛwɔ abasɛm no mu?
j) Fa nsɛmfua a ɛmmoro nson to abasɛm no din.

PART III
LEXIS AND STRUCTURE
[20 MARKS]

3. Bua nsɛmmisa a ɛwɔ ɔfa ha yi nyinaa.
Twerɛ ɔkasamu a ɛdidi soɔ yi biara kɔ daabi kabea mu.
a) Kofi bɛkɔ sukuu ɔkyena.
b) Mmaa noa anwummerɛ aduane.
c) Kwadwo aka nokorɛ no.
d) Yɛrehwehwɛ yɛn nnamfonom.
e) Mmoa no nyinaa hyiaa dua no ase.
Twerɛ edin nhyerɛkyerɛmu a ɛwɔ ɔkasamu ahodoɔ yi biara mu.
f) Ɔtoo anansesɛm tiawa bi kyerɛɛ yɛn.
g) Wɔnomm koko hyehyeɛ no ntɛm so.
h) Apataa mono no hyɛ friigye mu.
i) Mmɔfra no dii ankaa dɛɛdɛ no.
j) Megye di sɛ mmarima no yɛ mmɔfra pa.

Twerɛ ɔkasamu ahodoɔ yi biara bio na fa agyinahyɛdeɛ a ɛfata hyɛ baabi a ɛsɛ.
k) Wɔwoo Kofi fiada
l) Da bɛn na mɛhu wo bio
m) Wɔbɔɔ mpaeɛ sɛ, Awurade hu yɛn mmɔbɔ
n) Ɔwɔ pɛn pɛnsere ne rula
o) Hei, gyina

Twerɛ asɛmfuakuo a asɛmfua a wɔasan aseɛ wɔ ɔkasamu biara mu fra mu.
p) Yaw Mɛnsa tɔɔ nwoma bi.
q) Sewaa Amma kunu nie.
r) Mekasaa dendeenden wɔ nhyiamu no ase.
s) Ɔkyerɛkyerɛfoɔ no de nwoma no maa wɔn.
t) Aboa tantan bi nie.

 

END OF PAPER 2

This Post Has 0 Comments

Leave a Reply

Your email address will not be published. Required fields are marked *

Cart
Back To Top
Shopping cart0
There are no products in the cart!
Continue shopping
0