Skip to content
Call 0248506613 Whatsapp 0208930787

Akuapem Twi 2015 Past Questions (Essay)

June 2015
Ghanaian Language & Culture – (Akuapem Twi) 2
PAPER 2
ESSAY [1 hour]

ↃFA I
COMPOSITION
[30 marks]

1. Yi nea edidi so yi mu biako pε na fa nsɛmfua ɔha aduonum (150) anaa nea ɛboro saa kyerεw ho asɛm.
a) So ehia sɛ awofo bɛkyerɛ wɔn mma nea ɛsɛ sɛ wɔhwɛ wɔ T.V. so?
Kyerɛ w’adwene.
b) Kyerεw dae bi a wosoe a wosɔree no na w’ani agye.
c) Kyerɛ nneεma nnan a ɛde lɔre akwanhyia ba, na kyerɛ akwan ahorow anan a wɔde bɛsi saa akwanhyia no ano.
d) Adwuma bɛn na wopɛ sɛ woyɛ no daakye? Kyerɛ nea enti a wopɛ sɛ woyɛ saa adwuma no.

ↃFA II
COMPREHENSION
[10 marks]

2. Kenkan nea edidi so yi na bua nsɛmmisa no nyinaa.

Na nsɛnkwaayifo bi redi dwuma wɔ ne fie. Ɔkɔɔ osikani bi nkyɛn kɔsrɛɛ nkↄnkↄ a wɔde nom nsa aduanan awɔtwe. Dwumadi no awiei no, nsɛnkwaayifo kɔtɔɔ nkↄnkↄ a okogyei no sɛso. Ɔde nea ɔkɔtɔe ne nea ɔkɔgyei no nyinaa kɔmaa osikani no. Osikani no ho dwiriw no. Obisaa nsɛnkwaayifo yi sɛ dεn na ɔrepɛ akyerɛ.
Obuaa sɛ, “Ɛnyɛ biribiara. Nkↄnkↄ biara a wode maa me no, awo ne ba biako aka ho a ɛsɛ sɛ mede brɛ wo”. Osikani no gyee nkↄnkↄ no nyinaa a wanka hwee.
Da foforɔ bi no, nsɛnkwaayifo no san dii dwuma fofor bio. Ɔkɔɔ osikani no hɔ kɔsrɛɛ nkↄnkↄ no bebree. Ɔyɔnko dufudepɛfo de nkↄnkↄ a ɔwɔ wɔ ne fie nyinaa maa nsɛnkwaayifo no. Na osusu sɛ akyiri yi obenya nkↄnkↄ no mmɔho asen kan de no.
Bere a dwumadi yi kɔɔ awiei no, nsɛnkwaayifo yi de osu denden kɔɔ osikani no nkyɛn. Ɔde ne nsa hwee ne koko so. Osikani bisaa sɛ ɛyε dɛn asɛm? Nsɛnkwaayifo no kaa sɛ wo nkↄnkↄ no nyinaa awuwu. Osikani no kaa sɛ wo ho yɛ serew pa ara. Meregye me nkↄnkↄ no nyinaa. Nsɛnkwayifo no gyinaa nea ɔgyina.
Osikani no kɔɔ ↄtemmuafo bi hɔ sɛ onni n’asɛm mma no. Ɔtemmuafo no bisaa nsɛnkwaayifo no asɛm no ase. Ne mmuae no maa ɔtemmuafo no serewee. Obuu nsɛnkwaayifo no bem. Ɔkae se, “sɛ nkↄnkↄ wo de a, na wotumi wuwu nso. Ɛnyɛ nokware?”

a) Dɛn na nsɛnkwaayifo de nkↄnkↄ a ɔkɔsreɛ no yɛe?
b) Nkↄnkɔ dodow ahe na osikani no de maa nsɛnkwaayifo no da a edi kan no?
c) Nkɔnkↄ dodow ahe na nsɛnkwaayifo no de kɔmaa osikani no?
d) Adɛn nti na osikani no de nkↄnkↄ a ɛwɔ ne fi no nyinaa maa nsɛnkwaayifo no ne mprenu so?
e) Adɛn nti na na nsɛnkwaayifo no resu berɛ a na ɔrekɔ osikani no fi no?
f) Kyerɛ saa asɛm yi ase sɛnea ɛte wɔ akenkansɛm no mu. Ɔyɔnko dufudepɛfo.
g) “Gyina nea ogyina” ase ne dɛn wɔ akenkansɛm no mu?
h) Asotwe bɛn na ɔtemmufo no de maa osikani no?
i) Adesua bɛn na ɛwɔ ayεsɛm no mu?
j) Fa nsɛmfua a ɛmmoro ason to ayεsɛm no din.

 

PART III
LEXIS AND STRUCTURE
[20 MARKS] 3. Bua nsɛmmisa a ɛwɔ ɔfa ha yi nyinaa.

Kyerεw ɔkasamu a edidi so yi biara kɔ daabi kabea mu.
a) Kofi bɛkɔ sukuu ɔkyena.
b) Mmea noa anwummere aduan.
c) Kwadwo aka nokware no.
d) Yɛrehwehwɛ yɛn nnamfonom.
e) Mmoa no nyinaa hyiaa dua no ase.
Kyerεw edin nhyerɛkyerɛmu a ɛwɔ ɔkasamu ahorow yi biara mu.
f) Ɔtow anansesɛm tiawa bi kyerɛ yɛn.
g) Wɔnomm koko hyehyeehye no ntɛm so.
h) Apata mono no hyɛ friigye mu.
i) Mmofra no dii akutu dɛdɛ no.
j) Migye di sɛ mmarima no yɛ mmofra pa.

Kyerεw ɔkasamu ahorow yi biara bio na fa agyinahyɛde a ɛfata hyɛ baabi a ɛsɛ.
k) Wɔwoo Kofi fida
l) Da bɛn na mehu wo bio
m) Wɔbɔɔ mpae sɛ, Awurade hu yɛn mmɔbɔ
n) Ɔwɔ pɛn pɛnsere ne rula
o) Hei, gyina

Kyerεw asɛmfuakuw a asɛmfua a wɔasan ase wɔ ɔkasamu biara mu fra mu.
p) Yaw Mɛnsa tɔɔ nhoma bi.
q) Sewaa Amma kunu ni.
r) Mekasaa dendeenden wɔ nhyiam no ase.
s) Ɔkyerɛkyerɛfo no de nhoma no maa wɔn.
t) Aboa tantan bi ni.

 

END OF PAPER 2

This Post Has 0 Comments

Leave a Reply

Your email address will not be published. Required fields are marked *

Cart
Back To Top
Shopping cart0
There are no products in the cart!
Continue shopping
0