Skip to content
Call 0248506613 Whatsapp 0208930787

Akuapem Twi 2015 Past Questions (Objectives)

June 2015
Ghanaian Language & Culture – (Akuapem Twi) 1
PAPER 1
45 minutes

Answer all the questions

1. Ↄbea wo abofra a, wↄma no
A. Dammirifua
B. Hyεden
C. Darekena
D. Tirinkwa

2. Wudidi na obi ma wo kita mu a, wubegye so dεn?
A. Magyae mu
B. Yoo mate
C. Mikuna no
D. Woamma ntεm

3. Paw apεntεdin a εwↄ nea edidi so yi mu.
A. Asaase asa
B. Agyeman
C. Nyankomago
D. Akua Badu

4. Hyehyε din yi nnidiso nnidiso
A. Yaw, Kwasi, Kwabena
B. Kwabena, Kwaku, Yaw
C. Kwame, Yaw, Kofi
D. Kwaku, Kwasi, Kwadwo

5. Ɛyε akyiwade sε yedidi a
A. Yεwe nam
B. Yεfrε obi ma odi bi
C. Yεde yεn nsa si fam
D. Yεnom nsu

6. Wo maame papa yε wo dεn
A. Nanabea
B. Nanabarima
C. wↄfasewa
D. papa panyin

7. Maame Yaa ne maame Akua ware ↄbarima biako, enti wↄyε
A. akorafo
B. nnamfo
C. anuanom
D. atipεnfo

8. Wo maame nuabarima yε wo dεn?
A. wↄfa
B. w’agya kumaa
C. wↄfasewa
D. wↄfase

9. Wogoru abeawa bi bra a na εkyerε sε
A. n’abusuafo wↄ sika
B. ne maame pε n’asεm
C. ne ho ayε fε
D. wanyin

10. Sε wↄregoru abeawa bi bra a, wↄma no
A. Otuo
B. Bodua
C. ↄtↄ
D. ayitama

11. Ade titiriw a Akanfo gyina so ware ne
A. ahoↄfε
B. ahosiesie gonn
C. anotew bεrebεre
D. suban pa

12. Ↄbarima ne ↄbea ware a, na awofonom abεyε
A. Nkontafo
B. Nkumaafo
C. Nsewnom
D. Akorafo

13. Hyiregu ba aware mu a, na εkyerε sε aware no
A. Agu
B. asↄ
C. afi ase
D. akorafo

14. Ↄsram bεn na ekura nnafua 28 anaa 29?
A. Ogyefuo
B. Ↄbεnem
C. Oforisuo
D. Kitawonsa

15. Dapaa ahe na Akanfo wↄ
A. Anan
B. Abien
C. Abiεsa
D. Anum

16. Wↄka sε oi aka nkyene agu a, εkyerε dεn?
A. Onni nkyene
B. Watu kwan
C. Wakohintaw
D. Wawu

17. Nsawa yε …..a ↄmanfo de boa owufo bi abusuafo.
A. Ntama
B. Sika
C. Nnuan
D. Nsu

18. Okuafo ma yεn mfumduan. Dεn na ↄbↄmmↄfo ma yεn?
A. Hanam
B. Nkesua
C. Atosode
D. Nnuaba

19. Mpanyimfo hyia a, hena na wↄkasa fa no so?
A. Odikuro
B. Ↄkyeame
C. Ↄsafohene
D. Ɛsεn

20. Akanman mu ↄhene bεn na ↄwↄ tumi sen ahemfo no nyinaa?
A. Sanaahene
B. Kurontihene
C. Dabehene
D. Ↄmanhene

21. Nkurow nketewa mu, hena na ↄhene fa no so frε ↄmanfoↄ.
A. ↄbrafo
B. εsεn
C. dawubↄfo
D. ahenkwaa

22. Nipa titiriw a εpaw ↄhene no mu biako ne ….
A. ↄkyerεma
B. ↄbrafo
C. ↄhemmea
D. dawubↄfo

23. Ↄhene bεn na ↄhwε nsa so wↄ ahemfi
A. Dabehene
B. Ↄhemmea
C. Kurontihene
D. Sanaahene

24. Obi tew owufo bi ntoa a, ase ne dεn?
A. Wadi n’ade
B. Watↄ funnaka
C. wabↄ da asie no
D. wakↄ ayi ase aba

25. Nwaw ne akyekyere gyina hↄ ma dεn?
A. ntↄkwaw
B. asomdwoe
C. patapaa
D. ahoↄhare

26. Sε woka asεm kyerε obi na ↄwosow ne ti a, εkyerε sε
A. ↄrenka hwee
B. ↄmpene so
C. ka asεm no bio
D. wagye ato mu

27. Akanman mu ntama tuntum ne kↄkↄↄ gyina hↄ ma dεn
A. anigye
B. ahosεpεw
C. awerεhow
D. ahotε

28. Anansesεm mu no, Adanko ho asεm taa kyerε
A. abufuw
B. anihaw
C. asisi
D. ahoↄhare

29. Agya rekↄ ogyaw me abofra bi. Wosoma no a, ↄnkↄ . wokↄ nso a, na odi w’akyi. Ɛyε dεn?
A. Onipa sunsuma
B. Onipa nsateaa
C. Onipa nan
D. Onipa nsa

30. Agya ade bi wↄ hↄ. Ↄnkↄ asu nanso daa ↄwↄ nsu wↄ n’ahina mu. Ɛyε dεn?
A. Mako
B. ntↄrewa
C. borↄfere
D. kube

31. Mpanyin kae a wↄmmoa sε: wusum nkontopo afiri a, wuyi
A. nyansa
B. kasabrε
C. nokware
D. ayamuye

32. Maame no ka kyerεε ne ba no se: wokↄ aware a,
A. kasa
B. didi
C. bias
D. tena ase

33. Toa saa εbε yi so: woforo dua pa a, na
A. wopia wo
B. wↄkamfo wo
C. wↄma wo amo
D. wↄbↄ nsam ma wo

34. Akanfo yi apae a, wↄde ….. na etwa to.
A. Nyira
B. Nnome
C. ↄfrε
D. nkurobↄ

35. Akanfo de mmorↄnsa yi apae a, wↄde nsa no gu kↄnkↄ no mu mpεn ahe”
A. Mpεn asia
B. Mprεnsa
C. Mpεn anan
D. Mpεn anum

36. Akyemfo afahyε titiriw ne
A. Bakatue
B. Aboakyere
C. Ohum
D. Kundum

37. Dwumadi titiriw bεn na Akanfo de wie afahyε?
A. akwammↄ
B. aguabↄ
C. hyirewgu
D. nkankye

38. Aman abien wↄ Ghana ha a wↄn mmrane ne Kↄtↄkↄ
A. Akuapem ne Asante
B. Kwawu ne Akyem
C. Akuapem ne Awawu
D. Asante ne Nzema

39. Dεn na atetesεm kyerε sε Ↄkↄmfo Anↄkye de mpaboa foroe?
A. Mpampuro
B. Kokosi
C. borↄfere
D. abεten

40. Hena na ↄde ne nsa tuu ↄware wu ↄbo mu no
A. Ↄkↄmfo Anↄkye
B. Ansa Sasraku
C. Ↄsεe Bonsu
D. Ↄkoforoboↄ

 

END OF PAPER 1

This Post Has 0 Comments

Leave a Reply

Your email address will not be published. Required fields are marked *

Cart
Back To Top
Shopping cart0
There are no products in the cart!
Continue shopping
0