Skip to content
Call 0248506613 Whatsapp 0208930787

BECE Akuapem Twi 2018 Past Questions – Papers 2 & 1

 

June 2018
Ghanaian Language & Culture –

(Akuapem Twi) 2

PAPER 2
ESSAY
[1 hour]

PART I
COMPOSITION [30 marks]

1. Fa nsɛmfua a ɛnsua nsene ɔha aduonum (150) kyerεw nea edidi so yi mu biako ho asɛm.

a) Kyerεw adwuma a wopɛ sɛ woyɛ no daakye.
b) Kyerεw lɛtɛ kɔma w’adamfo na kyerɛ no sɛnea wopɛ sɛ wudi afe yi buronya akwamma no.
c) Kyerεw Tikyani a ɔwɔ wo sukuu mu a wopɛ n’asɛm pa ara ho asɛm.
d) Kyerεw akyɛde sononko bi a wunya fii w’adamfo bi hɔ nnansa yi.

PART II
COMPREHENSION
[10 MARKS]

Kenkan deɛ ɛdidi so yi na bua nsɛmmisa no nyinaa

2. Da koro bi ayeforo bi kɔɔ ofi a ɛtoa so kɔsoo gya. Bere a oduu hɔ no, na obiara nni fie hɔ ka abofra bi a ɔda kɛtɛ so nko ara. Ayɛforo no huu adanko bi a wɔahow no akɔnnɔakɔnnɔ wɔ gya no so. Ɔtwaa n’ani hwɛɛ ha , hwɛɛ ha na otuu adanko no srɛ biako wee. Na ɛyɛ dɛ yiye, enti ɔfaa ne srɛ biako bio de siee ne ntama mu. Afei ɔtuu gya a ɛredɛw no bi baa fi.
Berɛ a abofra no maame bae no, obisaa sɛ “Hena na wawia me nam no bi?” Na abofra no kaa nea ɛsii nyinaa kyerɛɛ no. Ntɛm ara maame no kɔɔ ayeforo no fie hɔ kɔkaa nea ɛsii nyinaa maa obiara tee. Wɔhyɛɛ ase bɔɔ wɔn nsam kaa sɛ, “Ɔkorɔmfo oo! Ɔkorɔmfo oo!”, de dii ayeforo no akyi. Eyi maa ayɛforo no ani wui maa oguan fii fie hɔ kɔhyɛɛ ne ho akomfo.
Onyankopɔn tee saa awerɛhosɛm ne nkokoa aniammɔhosɛm a wɔka ma ɛde amaneɛ brɛ wɔn maamenom no, ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔmma mmofra nkasa berɛ a wɔnyinii. Ɔfaa afasew paepae mu na ɔwerɛwerɛ anim. Afei ɔde nea ↄwerɛwerɛe no hyɛɛ abofra no menem.
Efi saa berɛ no, mmofra a wɔwoo wɔn foforo no antumi ankasa bio. Bere biara a wɔpɛ sɛ wɔkasa no na amaman fitaa bi fi wɔn anom aba. Bere a wɔrenyin na wɔrehu nyansa no, saa amaman no so tew ma wɔhyɛ ase kasa nkakrankakra.
Akyiri yi koraa no, sɛ wonyin na wohu nyansa a, amaman no gyae koraa ma wotumi kasa yiye.

a) Adɛn nti na ayeforo no kɔɔ ofi a ɛtoa ne deɛ so hɔ?
b) Na abofra no wɔ he?
c) Dεn na ayeforo no kↄyɛe wɔ ofi a εbεn no no mu?
d) Dεn na ɛsii bere a abofra no maame bae?
e) Adɛn nti na ɔbea no kaa ayeforo no nneyɛe bɔne no kyerɛɛ afoforo?
f) Dεn na Onyankopɔn yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛyɛ?
g) Hena na Onyankpɔn de sobo bɔɔ no pa ara?
h) Adwene bɛn na Onyakopɔn nya faa ayeforo no wu no ho?
i) Kyerɛ saa nsɛmfua yi ase sɛnea wɔdi adi dwuma wɔ ayεsɛm no mu: aniammɔhosɛm.
j) Fa nsɛmfua a ɛmmoro ason to ayεsɛm no din.

 

PART III
LEXIS AND STRUCTURE
[20 marks]

Yiyi nsɛmmisa a ɛwɔ ɔfa ha yi nyinaa ano.

3. Fa edinnsiananmu a ɛfata ma nsɛmfua a wɔasensan ase no.

a) Kofi ne Amma yɛ nnamfonom.
b) Papa no de nhoma no maa Abena ne Kwabena.
c) Me ne Kofi kɔɔ gua so.
d) Ɔde nhoma no maa tikyani no.
e) Kofi nuabea no wɔ sika pa ara.

Kyerɛ nsɛmfuakuw a nsɛmfua a wɔasensan ase no firi mu.

f) Wɔn nyinaa baa ha anɔpa yi.
g) Ataare dedaw yi yɛ me de.
h) Saa mmerante yi kasa dodo.
i) Osukuuni biara mmra sukuu ɔkyena.
j) Abenaa ne Adwoa yɛɛ adwuma no yiye.

Kyerεw nsɛmfua a wɔasensan ase yi abirabɔ.

k) Okuani no maa me amango kɛse bi.
l) Mpanimfo bi mpɛ aduro nwenenwene.
m) Asikafo bebree wɔ saa ɔman yi mu.
n) Nnipa pii ani gye kuayɛ ho.
o) Mmeawa no mu bi yɛ mmɔdenmmɔfo.

Kyerεw nkabomde a ɛwɔ ɔkasamu yi biara mu.

p) Kofi ne Amma dii aduan no nyinaa.
q) Ɔbaa fie hɔ nanso wanto me.
r) Me maame boa nkurɔfo ɛfisɛ ɔwɔ sika.
s) Noa aduan no na di bi.
t) Wubɛdi fufu anaa banku?

END OF PAPER 2 (ESSAY)


 

June 2018
Ghanaian Language & Culture – (Akuapem Twi) 1

PAPER 1
45 minutes

PART 1
Answer all the questions

1. Ↄbarima reware a, otua sika bi ma ne yere no nua mmarimanom, wↄfrε saa sika yi dεn?
A. asew sika
B. ti nsa
C. akonta sekan
D. akonta sika

2. Nsa a edi kan pa ara a ↄbarima de koyi ne ho adi kyerε ↄbea no abusua no wↄfrε no
A. awaregye nsa
B. akonta sekan
C. ↄpono-akyi-bↄ
D. ti ade

3. Nea edidi so yi nyinaa yε nokware wↄ Akanfo nkyia ho, gye sε
A. sε obi rekↄgya ne nan a, onkyia
B. sε obi redidi a, yenkyia no
C. yekyia fi nifa so
D. yεmfa yεn nsa bεnkum nkyia

4. Ansa na aware biara bedi mu no, gye sε ↄbarima no tu ↄbea no.
A. nnamfo nyinaa fo
B. awofo fo
C. nuanom agyina
D. ti nsa

5. Nna dodow a εda Akwasidae ne Fↄdwo ntam yε
A. akron
B. dunum
C. aduonu abien
D. aduonu

6. Ↄsram a edi kan afe biara mu ne
A. Ↄpεnimaa
B. Ↄbεnem
C. Ogyefuo
D. Ↄpεpↄn

7. Da a ade rekye ma wↄadi Akwasidae yε
A. Mono Mene
B. Fↄdwo
C. Awukudae
D. Memeneda Dapaa

8. Asram dodow ahe na yenya wↄ afirinhyia biako mu?
A. dubiako
B. dumien
C. dunkron
D. dummiεnsa

9. Awunyade yε nnea owufo no de
A. gya ne mma ne wu akyi
B. mane ne mma
C. kyε ne nuanom bere a ↄte ase
D. ma ne nkonta bere a ↄte ase

10. Edin bεn na yεde ma obi a osi owufo anan mu hwε n’agyapade so?
A. abusuapanyin
B. ananmusini
C. odiadefo
D. ↄhwεsofo

11. Hena na εyε amanne sodi ↄbarima ade wↄ Akanfo mu?
A. ne wↄfaase
B. n’agya ne wↄfaase
C. ne babarima
D. n’akonta

12. Nsεm a obi ka de kyekye n’agyapade ansa na wawu yε dεn?
A. agyinae
B. nsamansew
C. mmara
D. adanse

13. Bere bεn na Akanfo kyia “Afirinhyia pa”?
A. buronya
B. akwasidae
C. afahyε
D. yesu amanehunu

14. Bere bεn na wↄma obi “akwaaba”. Bere a
A. wakoguare aba
B. ↄbea awo foforo
C. ↄrekↄ adwuma
D. ofi akwantu mu aba

15. Sε obi retu kwan a wↄma no
A. due ne akwantu
B. mo ne akwantu
C. da yiye
D. nantew yiye

16. Sε obi rekyia ↄhene na ↄkwahu ne ntama a, εkyerε dεn?
A. obu
B. onuadↄ
C. nimdeε
D. koroyε

17. Akyemfo afahyε a wodi ne dεn?
A. Ohum
B. Adae kεse
C. Akwammↄ
D. Aboakyere

18. Hena na ↄyan atumpan wↄ afahyε ase?
A. Okunini
B. Ↄkyerεma
C. Ↄbrafo
D. Εsεn

19. Akanfo afahyε biara wↄyε eyi wↄ ase
A. wokum ↄwansan
B. wↄnoa aburoduan
C. wogu nsa
D. wↄpam nsamanfo

20. Aboa bεn na Simpafo kyere de di Aboakyere afahyε?
A. Gyata
B. ↄsebↄ
C. ↄtorↄm
D. ↄnwansan

21. Sε obi de Tawia a, na odi …..akyi.
A. Mεnsa
B. Ataa
C. Badu
D. Nkoroma

22. Edin yi mu nea εwↄ he na εyε kradin?
A. Nyakoaa
B. Kwabena
C. Agyei
D. frεmpↄn

23. Edin bεn na wↄde ma abeawa a wↄwoo no Fida?
A. Akua
B. Adwoa
C. Yaa
D. Afua

24. Edin a edidi so yi mu nea εwↄ he na nnapↄnna din?
A. Fofie
B. Bεyεεdεn
C. Minta
D. Kwame

25. Amanne bεn na Akanfo yε de twe mmeawa ba mpanyin mu?
A. asubↄ
B. aware
C. bragoru
D. nhyira

26. Sε wↄrebegoru abeawa bi bra a, hena na wodi kan kↄbↄ no amaneε?
A. Ↄhene
B. Abusuapanyin
C. Ↄhemmea
D. Sanaahene

27. Sε wogu abeawa bi kyiribra a,
A. εma abeawa no nya dwetiri
B. εma abeawa no nya kunu pa
C. εma abeawa no ne n’abusuafo animuonyam
D. egu abeawa no ne n’abusuafo anim ase

28. Sε Akanfo ka sε “abeawa” bi abu ne nsa” a na εkyerε dεn?
A. Wayε bra
B. Ne nsa ayε tenten
C. Owiawia nneεma
D. Ne nsa ayε duru

29. Din bεn na Akanfo de ma onipa a wↄawuwu dedaadaw no?
A. Ahotewfo
B. Nsamanfo
C. Ateasefo
D. abↄfo

30. Akanman mu sε obi wu a,
A. wogu n’nom nsu
B. wↄde no to ne benkum so
C. wonso ne mu
D. wↄteatea no

31. Obi wu a abusuafo tumi de n’agyapade hyε…..nsa ma ↄhwε so.
A. Okunafo
B. Ne babarima
C. Odiadefo
D. N’adamfo

32. Sε obi anto ne kↄn anwu a, wↄfrε no
A. ↄsaman
B. fea
C. obusufo
D. ↄtↄfo

33. Agya rekↄ no ogyaw me ade bi, wosoma no a, ↄbεkↄ nyinaa na ↄresu. Ɛyε dεn?
A. ↄkraman
B. frama
C. lↄre
D. lεtε

34. Agya rekↄ no ogyaw me ade bi, wosoma no a ↄrenkↄ gye sε woapae n’atifi ansa. Ɛyε dεn?
A. Dadewa
B. Akoa
C. lↄre
D. lεtε

35. Agya rekↄ no ogyaw me akongua fεfε bi sε mentena so, nanso saa akongua no obiara ntumi ntena so . Ɛyε dεn?
A. Asεsεgua
B. Bemu
C. borↄde
D. akentengua

36. Agya rekↄ no ogyaw me akoa bi, saa akoa no sε ↄkↄm de no a, ontumi nnyina hↄ, gye sε wadidi amee, Ɛyε dεn?
A. ↄkraman
B. kotoku
C. agyinamoa
D. abofra

37. Nsεnkyerεnne a obi a ↄredↄw afuw yε wↄ asaase no so ne sε
A. osi nkεtε
B. otua asafe
C. osum otimpↄn
D. osum ohwim

38. Sε wuhu sε abofra bi tinwi yε mpεsεmpεsε a εkyerε sε
A. ↄyε ↄkↄmfo
B. ↄyε Badu
C. ↄyε abosomma
D. ↄyε ↄsaman

39. Sε akyekyere ne nwaw wↄ ↄhene bi akyeampoma so a na εkyerε sε
A. ↄhene no akra boa ne nwaw ne akyekyere
B. ↄhene no pε asomdwoe
C. ↄhene no kyi nwaw ne akyekyere
D. ↄhene no pε nwaw ne akyekyere

40. Nea edidi so yi mu nea εwↄ he na wuhu wↄ ↄhene bi akyeampoma so a, εkyerε sε ↄwↄ tumi sen ↄhene biara
A. gyata
B. ↄsebↄ
C. ↄkↄre
D. ↄsono

 

END OF PAPER 1 (ESSAY)

Click any of the buttons ↓ below to share with your friends

 

This Post Has 0 Comments

Leave a Reply

Your email address will not be published. Required fields are marked *

Cart
Back To Top
Shopping cart0
There are no products in the cart!
Continue shopping
0