Skip to content
Call 0248506613 Whatsapp 0208930787

BECE 2014 Asante Twi Past Questions – Essay (Paper 2)

June 2014
Ghanaian Language & Culture – Twi (Asante) 2
PAPER 2

1 hour

PART I
COMPOSITION
[30 marks]

1. Fa nsɛmfua ɔha aduonum (150) twerɛ deɛ edidi soɔ yi mu baako ho asɛm.

a) Twerɛ w’adamfo pa ho asɛm.
b) Ka deɛ woyɛ no Memeneda biara.
c) Okuani ne Tikyani; hwan na ne ho wɔ mfasoɔ pa ara?
d) Twerɛ osuframa kɛseɛ bi a ɛbɔ sɛee nnoɔma wɔ wo mpɔtam ho asɛm.

PART II
COMPREHENSION
[10 marks]

2. Kenkan deɛ ɛdidi soɔ yin a bua nsɛmmisa no nyinaa.

Mfeԑ pii a atwam no, na Owia ne Nsuo yԑ nnamfoͻ pa ara. Na wͻn nyinaa te asaase yi so. Mpԑn pii no, na Owia taa sra Nsuo nanso Nsuo deԑ wankͻsra no da. Da koro bi, Owia bisaa Nsuo deԑ ntira ͻmmaa ne fie mmԑsraa no da. Nsuo buaa sԑ, ne fie hͻ sua, enti sԑ ͻne ne nkurͻfoͻ ba hͻ a, wͻbԑtu no afiri hͻ.
Afei, Nsuo kaa sԑ, “Sԑ wopԑ sԑ mebԑsra wo a, ԑwͻ sԑ wosi efie kԑseԑ; na mmom mebͻ wo kͻkͻ sԑ, ԑsԑ sԑ ԑhͻ yԑ efie kԑseԑ pa ara ԑfiri sԑ me nkorͻfoͻ dͻͻso na wͻbehia adan pii.”
Owia hyԑԑ bͻ sԑ ͻbesi efie kԑseԑ na ankyԑ biara ͻsan kͻͻ ne yere Bosome duruu fie. Adeԑ kyeeԑ no, ͻhyԑԑ aseԑ sԑ ͻresi efie kԑseԑ.
Ͻsi wieԑ no, Owia ka kyerԑԑ Nsuo sԑ, sԑ ade kye a, ͻmmԑsra no. Nsuo duruu hɔ no, ɔmaa no kwan wuraa mu a mpataa ne Nsuo mu mmoa bi ka ne ho.
Ankyɛ, Nsuo yiri duruu kotodwe, na afei ɔbu faa nipa ti so. Berɛ a Nsuo bisaa Owia sɛ ɔpɛ sɛ ne nkurɔfoɔ pii bɛka ho no, Owia ne Bosome baanu nyinaa buaa sɛ, “Aane” afei, Nsuo yiri faa hɔ nyinaa kɔpem sɛ Owia ne Bosome kɔpɛɛ baabi tenaeɛ wɔ nkyɛnsee no atifi.
Ankyɛ koraa Nsuo yiri faa nkyɛnsee no so maa Owia ne Bosome de ahometeɛ tu kɔtenaa ewim a ɛhɔ ayɛ atenaeɛ de besi nnɛ.

a) Mfeɛ pii a atwam no, ɛhefa na na Owia ne Nsuo te?
b) Kyerɛ ɔyɛfoɔ a ɛwɔ ɔkasamu yi mu: “Na Owia ne Nsuo yɛ nnamfoɔ pa ara.”
c) Adɛn nti na na Nsuo mpɛ sɛ ↄbɛkɔ akɔsra n’adamfo Owia?
d) Kyerɛ asɛmfua kuo a asɛmfua kɛseɛ fra mu.
e) Kyerɛ edin ahodoɔ a ɛwɔ ɔkasamu yi mu: “Owia hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛsi efie kɛseɛ.”
f) Na Owia yere ne hwan?
g) Adɛn nti na Nsu ne ne nkurↄfo kↄsraa Owia?
h) Sɛ anka Owia ne Bosome ankɔtena nkyɛnsee no so a, wosusu sɛ ɛdeɛn na anka ɛbɛyɛ wɔn?
i) Adɛn nti na Owia ne Bosome nte asaase so bio?
j) Fa nsɛmfua a ɛmmoro nson to ayɛsɛm yi din.

PART III
LEXIS AND STRUCTURE
[20 marks]

Yiyi nsɛmmisa a ɛwɔ ɔfa yi nyinaa ano.
3. Kyerɛ adeyɛ nsɛm a ɛwɔ ɔkasamu a ɛdidi soɔ yi mu.

a) Mmɔfra no dii aduane no nyinaa.
b) Asukuufoɔ no kɔ agoprama no so.
c) Asogyafoɔ no bɛyɛ ɛtwene wɔ asui no so.
d) Bra fie seesei ara.
e) Ɔhene ne ne nkurɔfoɔ hyia Fiada biara.

Fa ɔkasamu ahodoɔ yi kɔ daabi kabea mu.

f) Akorɔmfoɔ no adwane kɔ.
g) M’awofoɔ bɛba ha.
h) Okuani no rehome.
i) Nom Nsuo no nyinaa.
j) Asukuufoɔ no bi sua adeɛ yie.

Fa atwerɛ mu nsɛnkyerɛnne a ɛfata twerɛ ɔkasamu a ɛdidi soɔ yi mu biara yie.

k) Enti wogye di sɛ ɔbɛba
l) Amma baa ha nanso wanhu me.
m) Ɔkaa sɛ, asɛm no yɛ nokorɛ
n) Kofi ka kyerɛɛ ne nnamfonom sɛ mentumi nyɛ saa
o) Wɔhyiaa Kwasiada Dwoada ne Benada

Fa nkabomdeɛ a ɛfata wie ɔkasamu a ɛdidi soɔ yi.

p) Akosua kɔɔ hɔ………..wanhunu n’adamfo no.
q) Mɛnsa antɔ mpaboa no …………….na ɔnni sika.
r) Ansa sua adeɛ yie …………….ɔdii nkonim wɔ sɔhwɛ no mu.
s) Wobɛkɔ afuom…………..Nsuom?
t) Fati nte apɔ………ɔntumi nnidi yie.

 

End of Paper 2

View 2014 Asante Twi Paper 1 (Objectives)

Download Asante Twi PDF and Word Documents

Download 2014 BECE Word Documents 

 

This Post Has 0 Comments

Leave a Reply

Your email address will not be published. Required fields are marked *

Cart
Back To Top
Shopping cart0
There are no products in the cart!
Continue shopping
0