Skip to content
Call 0248506613 Whatsapp 0208930787

BECE 2014 Akuapem Twi Past Questions – Essay (Paper 2)

June 2014
Ghanaian Language & Culture – (Akuapem Twi)
PAPER 2
ESSAY

[1 hour]

ↃFA I
COMPOSITION
[30 marks]

1. Fa nsɛmfua ɔha aduonum (150) kyerεw nea edidi so yi mu biako ho asɛm.

a) Kyerεw w’adamfo pa ho asɛm.
b) Ka nea woyɛ no Memeneda biara.
c) Okuafo ne Tikyani; hena na ne ho wɔ mfaso pa ara?
d) Kyerεw osuframa kɛse bi a ɛbɔ sɛee nneεma wɔ wo mpɔtam ho asɛm.

ↃFA II
COMPREHENSION
[10 marks]

2. Kenkan nea edidi so yi na bua nsɛmmisa no nyinaa.

Mfe pii a atwam no, na Owia ne Nsu yԑ nnamfo pa ara. Na wͻn nyinaa te asaase so. Na Owia taa sra Nsu nanso Nsu de wankͻsra no da. Da koro bi, Owia bisaa Nsu nea enti a ͻmmaa ne fi mmԑsraa no da.
Nsu buae sԑ, Owia fi sua na sԑ ͻne ne nkurͻfo ba hͻ a, wobԑtu no afi ne fi hͻ.
Afei, Nsu kae sԑ, “Sԑ wopԑ sԑ mebԑsra wo a, ԑnde si ofi kԑse ma me. Mmom merebͻ wo kͻkͻ sԑ, ԑsԑ sԑ ԑyԑ ofi kԑse pa ara efisԑ me nkorͻfo no dͻͻso na wobehia adan pii.”
Owia hyԑԑ bͻ sԑ obesi ofi kԑse ama wↄn, na ankyԑ biara ͻsan kͻͻ ne yere Ↄsram hↄ wↄ fie. Adeԑ kyee no, ofii ase si efie kԑse. Osi wiei no, Owia ka kyerԑԑ Nsu sԑ, sԑ ade kye a, ͻmmԑsra no. Nsu duu hɔ no, wɔmaa no kwan wuraa mu a mpataa ne nsu mu mmoa bi ka ne ho.
Ankyɛ, Nsu yiri duru kotodwe, na afei obu faa nnipa ti so. Berɛ a Nsu bisaa Owia sɛ “ɔpɛ sɛ ne nkurɔfo pii bɛka ho no, Owia ne Ↄsram baanu nyinaa buae sɛ, “Yiw”. Afei, Nsu yiri faa hɔ nyinaa kɔpem sɛ Owia ne Ↄsram kɔpɛɛ baabi tenae wɔ nkyankyee no atifi.
Ankyɛ Nsu san yiri faa nkankyee no atifi maa Owia ne Ↄsram de ahometew tutu kɔtenaa wim besi nnɛ.

a) Ɛhefa na na Owia ne Nsu te mfe pii a atwam no?
b) Kyerɛ ɔyɛfo a ɛwɔ ɔkasamu yi mu: “ Owia ne Nsu yɛ nnamfo pa ara.”
c) Adɛn nti na na Nsu mpɛ sɛ ↄbɛkɔ akɔsra n’adamfo Owia?
d) Kyerɛ asɛmfua kuw a asɛmfua kɛse fra mu.
e) Kyerɛ edin ahorow a ɛwɔ ɔkasamu yi mu: “Owia hyɛɛ bɔ sɛ obɛsi ofi kɛse.”
f) Na Owia yere ne hena?
g) Adɛn nti na Nsu ne ne nkurↄfo kↄsraa Owia?
h) Sɛ Owia ne Ↄsram ankɔtena nkankyee no atifi a, wosusuw sɛ dɛn na ɛbtoɛ wɔn?
i) Adɛn nti na Owia ne Ↄsram nte asaase so bio?
j) Fa nsɛmfua a ɛmmoro ason to ayɛsɛm yi din.

ↃFA III
LEXIS AND STRUCTURE
[20 marks]

Yiyi nsɛmmisa a ɛwɔ ɔfa yi nyinaa ano.

3. Kyerɛw adeyɛ nsɛm a ɛwɔ ɔkasamu a edidi so yi biara mu.

a) Mmofra no dii aduan no nyinaa.
b) Sukuufo no kɔ agoprama no so.
c) Asraafo bɛyɛ twene wɔ asubↄnten no so.
d) Bra fie mprempren yi ara.
e) Ɔhene ne ne manfo hyia Fida biara.

Fa ɔkasamu a edi so yi kɔ Dabi (Ngoo) kabea mu.

f) Akorɔmfo no aguan kɔ.
g) M’awofo bɛba ha.
h) Okuafo no rehome.
i) Nom nsu no nyinaa.
j) Sukuufo mmofra no bi sua ade yie.

Fa akyerεw mu nsɛnkyerɛnne a ɛfata kyerεw ɔkasamu a edidi so yi mu biara yie.

k) Wogye di sɛ ɔbɛba
l) Amma bae nanso wanhu me
m) Ɔkae se, asɛm no yɛ nokware
n) Kofi ka kyerɛɛ ne nnamfo no se mintumi nyɛ saa
o) Wohyiaa Kwasida Dwowda ne Benada

Fa nkabomde a ɛfata wie ɔkasamu a ɛdidi so yi.

p) Akosua kɔɔ hɔ………..wanhu n’adamfo no.
q) Mɛnsa antɔ mpaboa no …………….na onni sika.
r) Ansa sua ade yie …………….odii nkonim wɔ sɔhwɛ no mu.
s) Wobɛkɔ afum…………..nsu mu?
t) Fati nte apɔw………ontumi nnidi yie.

End of Paper 2

View 2014 Akuapem Twi Paper 1 (Objectives)

Download Akuapem Twi PDF and Word Documents

Download 2014 BECE Word Documents 

This Post Has 0 Comments

Leave a Reply

Your email address will not be published. Required fields are marked *

Cart
Back To Top
Shopping cart0
There are no products in the cart!
Continue shopping
0